UEWScholar Repository

Akyeame Kasa Wɔ Dwumadie Ahodoɔ Ase Binom Mu Mpɛnsɛmpɛnsɛmu WϽ Pragematese Kwan So

Show simple item record

dc.contributor.author Opoku-Boadum, R.
dc.date.accessioned 2026-05-04T10:45:48Z
dc.date.available 2026-05-04T10:45:48Z
dc.date.issued 2023-06
dc.identifier.uri http://41.74.91.244:8080/handle/123456789/5200
dc.description Nhwehwɛmu dwumadie a ɛfiri Akan-Nzema, Faculty of Ghanaian Languages Education, de kↄma School of Graduate Studies, nam so ma manya abodin krataa Master of Philosophy (Ghanaian Language Studies-Twi) afiri University of Education, Winneba. KUTAWONSA, 2023 en_US
dc.description.abstract Dwumadie yi yε nhwehwεmu a εfa akyeame kasa wɔ dwumadie ahodoɔ ase no bi mpɛnsɛmpɛnsɛmu. Nhwehwεmu yi twe adwene si nnwuma titire a akyeame di wɔ mmeaeɛ ahodoɔ binom, kasasuo ahodoɔ binom a akyeame de di dwuma wɔ wɔn kasa mu ne nsɛntitire a ɛda adi wɔ akyeame dwumadie mu. Mede sukyerε anaa nhwehwεmu a εnnyina akontabudeε so na εyεε nhwehwεmu yi. Mefaa nnipa aduonum (50) na mede dii dwuma yi, na menam anototoɔ anaa nkↄmmↄtwetwee nko ara so na menyaa nsεmmoano a mede dii dwuma yi. Dwumadie yi mpεnsεmpεnsεmu nyinaa gyinaa ‘Relevance’ tiɔri so. Deε εdaa adi wↄ nhwehwεmu yi mu ne sε, nyɛ ahemfie nko ara na akyeame tumu di dwuma, na mmom mmeaeɛ bi te sɛ ayiase, awaregyeɛ ase, abadintoɔ ase, asɔre dan mu, akɔmfofie, radio so ne T. V so nyinaa wɔtumi di wɔn nnwuma. Afei, ɛbɛdaa adi wɔ nhwehwɛmu yi mu sɛ, kasasuo a ɛtumi pue wɔ akyeame kasa mu no bi ne ɛbɛ, kasakoa, anihanehane, ntotoho, nnyinahɔma, abodin, nnyegyeeɛ sɛ adwene, ne deɛ ɛkeka ho. Ne korakora no, nhwehwɛmu yi daa no adi sɛ, nsɛntitire a ɛtumi pue wɔ akyeame dwumadie mu no bi ne owuo, ɔdɔ, ayɔnkofa, nkabom, ahofama, nokwaredie, ne deɛ ɛkeka ho. Dwumadie yi bεboa abↄ Akanfoↄ amammerε wↄ ɔkasa ho ban ɛfiri sɛ, nnipakuo biara amammerɛ gyina wɔn kasa so. en_US
dc.language.iso en en_US
dc.publisher University of Education, Winneba en_US
dc.subject Akyeame en_US
dc.subject Ahodoɔ Ase Binom en_US
dc.title Akyeame Kasa Wɔ Dwumadie Ahodoɔ Ase Binom Mu Mpɛnsɛmpɛnsɛmu WϽ Pragematese Kwan So en_US
dc.type Thesis en_US


Files in this item

This item appears in the following Collection(s)

Show simple item record

Search UEWScholar


Browse

My Account