UEWScholar Repository

Kasa nsesaeɛ a ɛkↄ so wↄ akan asuafoↄ a wↄwↄ UEW-ac adesua kuo nkumaa mu adesua dwumadie mu mpɛnsɛmpmpɛnsɛmu wↄ Sohyio-Pragemateke kwan so.

Show simple item record

dc.contributor.author Boateng, C.
dc.date.accessioned 2025-02-17T14:45:10Z
dc.date.available 2025-02-17T14:45:10Z
dc.date.issued 2015
dc.identifier.uri http://41.74.91.244:8080/handle/123456789/4786
dc.description Mpɛnsɛmpɛnsɛmu dwumadie a ɛfiri Suapɔn ne fa a ɛhwɛ Akan-Nzema kasa ho adesua So de kɔma “School of Graduates Studies” Yei ne ahiadeɛ baako a ɛbɛma Suapɔn no ama me Master of Philosophy (Ghanaian Language – Twi) ɛwɔ University of Education, Winneba en_US
dc.description.abstract Dwumadie yi yɛ kasa nsesaeɛ ho mpɛnsɛmpɛnsɛmu wɔ sohyio-pragemateke kwan so. Mepɛnsɛmpɛnsɛm kasa nsesaeɛ a ɛda adi wɔ Akan asuafoɔ a wɔwɔ University of Education, Winneba- Ajumako Campus (UEW-AC) adesuakuo dwumadie mu. Ɛnam sɛ adesuakuo dwumadie no yɛ nea ɛnkɔ so wɔ adesua dan mu nti, asuafoɔ no wɔ akwanya sɛ wɔde kasa biara a wɔsusu sɛ ɛbɛma wɔn ho ahare wɔn bɛdi dwuma. Botaeɛ titire a ɛtaa dwumadie yi akyi ne sɛ ɛhwɛ nea nti a Akan asuafoɔ a wɔwɔ UEW-AC no sesa wɔn kasa wɔ wɔn adesua mpɛnsɛmpɛnsɛmu mu, kasa nsesaeɛ a ɛda adi wɔ Akan asuafoɔ no adesua mpɛnsɛmpɛnsɛmu ne ɛso nsunsuansoɔ a ɛwɔ wɔ wɔn adesua ne wɔn ayɔnkofa so. Nsɛmmoano no nyinaa yɛ nea ɛfirii wɔn adesua mpɛnsɛmpɛnsɛmu mu. Menam ahwɛeɛ ne nkɔmmɔtwetweɛ so na faa nsɛmmoano ahodoɔ no. Na afei mede nsɛmmoano ahodoɔ no toto Myers-Scotton, (1993) ahyɛnso tiɔre (markedness theory) a ɛkasa fa ɔkwan a yɛfa so hunu sɛ kasa pɔtee bi na fata sɛ ɔkasafoɔ bi de dwuma wɔ berɛ pɔtee bi mu. Afei nso ɛkasa fa ɔkasafoɔ no adwene ne nsunsuansoɔ a asɛm bi nya wɔ atiefoɔ no so. Mede dwumadie yi hwɛɛ ɔkwan a kasa nsesaeɛ ho tumi ba mfasoɔ wɔ akasafoɔ a wɔka kasa korɔ nkitahodie mu. Ɛda adi sɛ Akan asuafoɔ yi a wɔwɔ UEW-AC no de kasa nsesaeɛ di dwuma wɔ wɔn adesua mpɛnsɛmpɛnsɛmu mu. Wɔde di dwuma sɛnea ɛbɛboa ama wɔate wɔn adesuadeɛ ahodoɔ no ase yie. Afei nso, ɛboa ma wɔtumi yɛ nneɛma bi te sɛ ntimu, nsiesie ne ɛkeka ho. Akan ne Borɔfo kasa nsesaeɛ na ɛda adi titire, na ɛtumi yɛ ɔkasamu ahyeɛ so, ɔkasamu mfimfini anaa ɔkasamu nkekaho. Dwumadie yi ho wɔ mfasoɔ firi sɛ ɛbɛtumi ayɛ nnyinasoɔ ama wɔn awɔyɛ nwomasua ho nhyehyɛeɛ wɔ ɔman no mu no atwe wɔn adwene akɔ saa adeyɛ yi so sɛnea yɛbɛtumi de adi dwuma wɔ kwan pa so. en_US
dc.language.iso en en_US
dc.publisher University of Education Winneba en_US
dc.subject Kasa en_US
dc.subject Adesua en_US
dc.title Kasa nsesaeɛ a ɛkↄ so wↄ akan asuafoↄ a wↄwↄ UEW-ac adesua kuo nkumaa mu adesua dwumadie mu mpɛnsɛmpmpɛnsɛmu wↄ Sohyio-Pragemateke kwan so. en_US
dc.type Thesis en_US


Files in this item

This item appears in the following Collection(s)

Show simple item record

Search UEWScholar


Browse

My Account