dc.description.abstract |
Dwumadie yi yɛ nhwehwɛmu a ɛfa Ghana haelaefo dwontoni Oheneba E.K haelaefo nnwom ahodoↄ no bi ho. Nhwehwɛmu yi botaeɛ boa da nananom Akanfoᴐ gyidie ahodoᴐ binom a ԑfa Owuo ho adi. Nhwehwɛmu yi kↄ so da ᴐhaw ahodoᴐ a Owuo de ba Akanfoᴐ asetena mu ne kasasu ahodoↄ a ɛda adi wↄ nnwom ahodoↄ a mede dii dwuma mu yi adi. Nhwehwɛmu yi kↄↄ so wↄ Asante Mantamu nkurotoᴐ ahodoᴐ bi te sԑ Sԑkyerԑ Domase, Nsuta Nkwaben, Ashanti New Town (Ash. Town), ne Kumase Bantama. Menam nkↄmmↄtwetwe so ne nnipa dunum dii nkutaho. Wↄyɛ mmarima ne mmaa wᴐn mfeԑ kᴐ nkan. Menyaa nsɛm no bi nso wↄ nwoma ahodoↄ no mu. Me ne Oheneba E.K twetwee nkↄmmↄ faa saa nnwom ahodoↄ a mede dii dwuma wↄ me nhwehwɛmu yi mu gyee n’adwenkyerɛ wↄ deɛ nti a ↄde nsɛm ahodoↄ binom di dwuma wↄ ne nnwom no mu. Dwumadie yi ada no adi sԑ sԑ Owuo ba ᴐman bi mu a, ԑde oyene kԑseԑ na ԑba ᴐman no mu. Mefaa ᴐdwontoni yi nnwom ahodoᴐ aduonu na mesaa mu yii ԑmu du de yԑԑ mpԑnsԑmpԑnsԑmu yi. Menam kwalitetifo kwan so na ɛyɛԑ nhwehwɛmu dwumadie yi. Nhwehwɛmu dwumadie yi de tiᴐri a wᴐfrԑ no “Infracultural Model in Folklore Analysis”, Alembi (2002) na ԑyԑԑ nnyinasoↄ. Tiᴐri yi kyerԑ ᴐkwan sononko a wᴐfa so da anom kasa a ԑyԑ amammerԑ pᴐtee bi nnyinasoᴐ adi ma nteaseԑ ba mu. Ne mpɛnsɛmpɛnsɛmu gyina nnipa nhunumu ne nkyerɛkyerɛmu mapa a ɛfa ɔman bi ho ne anosɛm adwinneɛ mu nkyerɛkyerɛmu wɔ nnipakuo bi amammerɛ mu. Owuo ma ᴐmampᴐn dane amamfo, ԑma ᴐman mpuntuo ka akyi. Owuo ma mma dane agyanka ne awisea. Owuo de ohia, yareԑ ne ᴐhaw pii na ԑba ᴐdasani asetena mu. Saa ara na dwumadie yi ada no adi sԑ, nnipakuo bi daa daa kasa dwumadie da wᴐn gyidie ahodoᴐ no adi. Bio, ɛyi kasasuo ahodoↄ bi te sɛ ɛbɛ, anihanehane, kasakoa, nnyinahↄmma, ntotohosɛm, nteamu, ne asɛmmisa a ɛnni mmuaeɛ adi. Dwumadie yi ada no adi sԑ ԑyԑ nokorԑ turodoo sԑ nnipakuo bi daa daa kasa dwumadie no da wᴐn gyidie ahodoᴐ no adi |
en_US |