UEWScholar Repository

Mmoa ntotohosɛm a ɛda adi wɔ akanfoɔ mmɛ mu

Show simple item record

dc.contributor.author Appiah`, I.A.
dc.date.accessioned 2024-04-29T11:29:21Z
dc.date.available 2024-04-29T11:29:21Z
dc.date.issued 2022
dc.identifier.uri http://41.74.91.244:8080/handle/123456789/3400
dc.description Mpɛnsɛmpɛnsɛmu dwumadie a ɛfiri Suapɔn ne fa a ɛhwɛ Akan-Nzema kasa ho adesua so de kɔma “School of Graduate Studies” Wei ne ahiadeɛ baako a ɛbɛma Suapɔn no ama me Master of Philosophy (Ghanaian Language Studies-Twi) ɛwɔ University of Education, Winneba. en_US
dc.description.abstract Dwumadie yi yεε Akanfoc abεbuo mu mpjnsjmpjnsjmu faa mmj ahodoɔ a Akanfoɔ bu fa mmoa binom ho. Jhwεε sεdeε mmoa ntotohosεm di dwuma wɔ mmoa ho mmε ahodoɔ mu, nsεntitire a jda adi wc saa mmε yi mu, ne berε ne beaeε ahodoɔ a Akanfoɔ tumi de mmε ahodoɔ εfa mmoa ho no di dwuma. Megyinaa adwenemusεm ‘Conceptual Metaphor Theory’ so na εyεε mpεnsεmpεnsεmu yi. Nnipa dodoɔ a mede wcn dii dwuma yi yj nnum (5) a wcadi mfej aduasa kcsi aduosia num. Beaej nkutahodie kɔɔ so yj Takyiman kuro a εwc Bono Apueeε mantam mu ne Adwumako. Nhwehwjmu yi mu no, mefaa nkɔmmɔtwetweε so, ne deε animdefoɔ binom ada no adi wɔ nwoma ahodoɔ mu na εpεε me nsεmmoano. Ne nyinaa mu no meboaboaa mmoa ho mmε ɔha ne aduonum mmienu. Nhwehwԑmu yi da no adi sԑ ntotohosεm da adi wɔ Akanfoɔ mmԑ a wɔbu fa mmoa ho mu; mmoa no bi ne ananse, akokɔ, nantwie, ɔdwan, ɔsono ne mmoa bebree. Nsεmmoano no kyerεε sԑ mmoa ho mmԑ ahodoɔ yi da Akanfoɔ adwenemusԑm a wɔwɔ fa mmoa suban ne nneyԑԑ ahodoɔ ho adi. Nsԑntitire a ԑda adi wɔ mu no bi ne nkabom, adwumaden, setie, ahobrεaseԑ, ɔtan, akwadorɔ ne deε ԑkeka ho a wchyj ho nkuran ne dej wckasa tia no boa tenetene nnipakuo binom abrabc ne wcn nneyjj a jno nso boa ma nnipa asetena mu yj anika ne ahomeka. Jyj me nsusuij sj nhwehwjmu foforc bjsan akc so a εbεgyina adwenemusεm yi ara so ahwε mmε ahodoɔ a εfa abɔdeε nkaeε binom ho na jnam so ada Akanfoc mmε ahodoc binom a dwumadie yi anhwj hc no nyinaa adi. en_US
dc.language.iso en en_US
dc.publisher University of Education Winneba en_US
dc.subject Mmoa en_US
dc.subject Ntohosem en_US
dc.title Mmoa ntotohosɛm a ɛda adi wɔ akanfoɔ mmɛ mu en_US
dc.type Thesis en_US


Files in this item

This item appears in the following Collection(s)

Show simple item record

Search UEWScholar


Browse

My Account