UEWScholar Repository

F. K. Aidoo (2017) nwoma ‘anhununtԑm’ mu mpɛnsɛmpɛnsɛmu

Show simple item record

dc.contributor.author Fosu, P.
dc.date.accessioned 2024-04-16T14:40:13Z
dc.date.available 2024-04-16T14:40:13Z
dc.date.issued 2020
dc.identifier.uri http://41.74.91.244:8080/handle/123456789/3284
dc.description Mp[ns[mp[ns[mu dwumadie a [firi Sukuup]n ne fa a [hw[ Akan-Nzema kasa ho adesua so de k]ma “School of Graduate Studies” Yei ne ahiadeԑ baako a [b[ma Sukuup]n no ama me Master of Philosophy (Ghanaian Languages – Twi) [w] University of Education, Winneba. en_US
dc.description.abstract Dwumadie yi botaeԑ ne sԑ, ԑbԑhwehwԑ ԑkwan a atwerԑfoᴐ nam Atwerԑ Kasadwini so da Akanfoᴐ amammerԑ ne amanneԑ, kasasu ahodoᴐ ne agorᴐmma dwumadie adi wᴐ Abasԑm mu. Mede nhwehwԑmu no gyinaa Aidoo (2017) nwoma a wato no edin ‘Anhununtԑm’ so. Megyinaa ‘Feminist’ tiᴐri so hwԑԑ ԑkwan a atwerԑfoᴐ fa so da agorɔmma adi wᴐ Atwerԑ Kasadwini mu ne titire mmaa. Nkᴐmmᴐtwetwe, nsrahwԑ, ano nsԑmmisa ne atwerԑtwerԑ yԑ akwan a mefaa so yԑԑ nhwehwԑmu no. Nhwehwԑmu no mu no, mebᴐᴐ aporᴐ kᴐᴐ Kumase Abrepo Junction ne mpanimfoᴐ bi kᴐtwetwee nkᴐmmᴐ faa me dwumadie no ho pԑԑ mmuaeԑ firii wᴐn hᴐ. Afei nso, mesan kᴐᴐ Colleges of Education a ԑwᴐ Asante Mantam mu no mu bi mu ne akyerԑkyerԑfoᴐ a wᴐkyerԑ Twi Kasa ne adesuafoᴐ a wᴐsua Twi Kasa twetwee me dwumadie no ho nkᴐmmᴐ. Nkᴐmmᴐtwetwe no mu no, ԑbԑdaa adi sԑ, atwerԑfoᴐ pii de ԑbԑ ne kasakoa na ԑtaa di dwuma pᴐtee wᴐ wᴐn nwoma mu. Dwumadie no mu no, yԑhunuu Akanfoᴐ amammerԑ bi te sԑ ahayᴐ, afahyԑ ne Akanfoᴐ gyidie ahodoᴐ. Afei nso, yԑhunuu sԑ, Agorɔba Titire no ne Osidifoɔ no nyinaa, ᴐtwerԑfoᴐ no de mmarima na ԑhyԑԑ saa diberԑ no a wamma mmaa no anni dwuma bi a ԑyԑ sononko firi wᴐn tete deԑ a yԑnim dada no ho. Wamma mmaa anni dwuma bi te sԑ adᴐkotafoᴐ, asɔre mu akannifoɔ, adwuma bi mu panin, atikyafoᴐ ne deԑ ԑkeka ho. Yei kyerԑ sԑ, ᴐtwerԑfoᴐ no amfa ‘Feminist’ tiᴐri no anyԑ adwuma. Dwumadie yi bԑboa adesuafoᴐ, akyerԑkyerԑfoᴐ, akenkanfoᴐ ne nhwehwԑmuyɔfoᴐ nyinaa wᴐ wᴐn dwumadie biara a wᴐpԑ sԑ wᴐyᴐ no wᴐ Atwerԑ Kasadwini mu. en_US
dc.language.iso en en_US
dc.publisher University of Education Winneba en_US
dc.subject ANHUNUNTԐM en_US
dc.subject MPƐNSƐMPƐNSƐMU en_US
dc.subject NWOMA en_US
dc.title F. K. Aidoo (2017) nwoma ‘anhununtԑm’ mu mpɛnsɛmpɛnsɛmu en_US
dc.type Thesis en_US


Files in this item

This item appears in the following Collection(s)

Show simple item record

Search UEWScholar


Browse

My Account