UEWScholar Repository

Mpɛnsɛmpɛnsɛmu a ɛfa Akanfoɔ abosom bi ne wɔn akyiwadeɛ

Show simple item record

dc.contributor.author Nyame, E.K.
dc.date.accessioned 2024-04-12T10:50:47Z
dc.date.available 2024-04-12T10:50:47Z
dc.date.issued 2021
dc.identifier.uri http://41.74.91.244:8080/handle/123456789/3197
dc.description Mp[ns[mp[ns[mu dwumadie a [firi Suap]n yi ne fa a [hw[ Akan-Nzema kasa ho adesua so de k]ma “School of Graduate Studies” Yei ne ahiade[ baako a [b[ma suap]n no ama me Master of philosophy (Ghanaian language Studies-Twi) [w] university of Education, Winneba KUTAWONSA, 2021 en_US
dc.description.abstract Saa dwumadie yi yɛ nhwehwɛmu a ɛfa Akanfoↄ abosom ne wↄn akyiwadeɛ ho. Ↄkasa ne nneyeɛ di akotene wↄ Akanfoↄ abosomsom mu. Dwumadie yi botaeɛ ne sɛ, ɛbɛkyerɛ Akanfoↄ abosom bi ne wↄn akyiwadeɛ. Ɛde ahwɛeɛ ne nkↄmmↄtwetwe na ɛboaboaa nsɛm no ano na meyii nnipa aduonu a wↄfiri Akanfoↄ nkuro ahodoↄ so. Ɔkasa mu akyiwadeɛ a ɛfa Akanfoↄ abosom bi ho no bi ne mpoatwa, ntanhunu ka, duabↄ ne nsedie. Nneyɛɛ ho akyiwadeɛ nso fa adidie ne ↄnom ho, brayɛ a yɛde kↄ asↄneɛ so, nna mu akyiwadeɛ bi te sɛ mogyafra, aboa ne nipa nna. Akanfoↄ gye di sɛ abosom gu ahodoↄ titire mmienu a yeinom ne Atanↄfoↄ ne asumanbrafoↄ. Atanↄfoↄ no nso wↄ nkyekyɛmu ahodoↄ mmienu a ɛnonom ne Atanↄfufuo ne atanↄbrani. Dwumadie yi de abosom yi akyiwadeɛ to dwa, nsunsuansoↄ a ɛwↄ akyiwadeɛ yi ho, amammerɛ ne amanneɛ a wↄde popa nsunsuansoↄ no. Akanfoↄ gye di sɛ wↄn abosom akyiwadeɛ no boa ma nnipa di mmara so. Nnoɔma a ɛpue firi dwumadie yi mu no bi ne sɛ abosom no mu biara wɔ nankasa akyiwadeɛ. Afei nso ɔbosom korɔ no ara tumi pue wɔ beaeɛ ahodoɔ pii na nso nea ɛyɛ akyiwadeɛ wɔ kuro foforɔ nso no ɛnyɛ akyiwadeɛ wɔ kuro foforɔ nso. Dwumadie yi de bɛtↄↄ dwa sɛ ɛnyɛ akyiwadeɛ nyinaa na wↄtumi kyerɛ mu. Afei nso sɛ obi bu saa akyiwadeɛ no so a, ɛde nsunsuansoↄ bↄne tumi berɛ no. Saa dwumadie yi bɛboa asuafoↄ a wↄbɛpɛ sɛ wↄyɛ nhwehwɛmu afa abosom ho daakye bi. Afei nso saa nhwehwεmu yi bεma yεhunu Akanfoͻ abosom ne wͻn akyiwadeε no bi na aboa ma ͻfoforͻ ankͻ bu akyiwadeε yi so ankͻfa nsunsuansoͻ bͻne biara amma ne ho, abusua ne mpo kuro a wͻfiri mu. Nea εtͻ so bio nso no, εbεma wͻn a wͻabu Akanfoͻ abosom no akyiewadeε no bi so ma εde nsusuansoͻ bͻne aberε no nso anunu anamͻntuo a εtwa sε wͻtu na ama no anya ne fahodie. en_US
dc.language.iso en en_US
dc.publisher University of Education, Winneba en_US
dc.subject Akanfoɔ abosom en_US
dc.subject Wɔn akyiwadeɛ en_US
dc.title Mpɛnsɛmpɛnsɛmu a ɛfa Akanfoɔ abosom bi ne wɔn akyiwadeɛ en_US
dc.type Thesis en_US


Files in this item

This item appears in the following Collection(s)

Show simple item record

Search UEWScholar


Browse

My Account