UEWScholar Repository

Akanfoɔ ayie afadeɛ ne ahyɛnsodeɛ ahoroɔ mu mpɛnsɛmpɛnsɛmu

Show simple item record

dc.contributor.author Awuah, S.B.
dc.date.accessioned 2024-04-08T13:21:30Z
dc.date.available 2024-04-08T13:21:30Z
dc.date.issued 2021
dc.identifier.uri http://41.74.91.244:8080/handle/123456789/2985
dc.description Nhwehwεmu dwumadie a mede rema suapɔn yi fa a εhwε kasa ho adesua so ne fa a εhwε Akan-Nzema kasasua so wɔ Simpa Suapɔn mu. Wei yε ahiadeε a εbεma suapɔn no ama me abɔdin krataa “Master of Philosophy” (Ghanaian Language Studies – Twi) εwɔ University of Education, Winneba. en_US
dc.description.abstract Nhwehwεmu yi yε deε εpεnsεmpεnsεm Akanfoɔ ayie afadeε ne ahyεnsodeε ahoroɔ a mu. Nhwehwεmu dwumadie yi botaeε yε mmiεnsa. Deε εdi kan kyerε ayie afadeε ne ahyεnsodeε ahoroɔ. Deε εtɔ so yε nkyerεaseε a Akanfoɔ wɔ ma afadeε ne ahyεnsodeε ahoroɔ yi. Ꜫna deε εtwa toɔ yε nsakraeε a abεwura afadeε ahoroɔ yi mu. Megyinaa nkorↄfoↄ adwenkyerε na mede nyaa nsεm mmoano de yεε dwumadie yi mu mpεnsεmpεnsεmu. Nnipa a mede wɔn dii dwuma ne ahemfo, kuro mu mpanimfoɔ a wↄwↄ nimdeε wↄ ayie afadeε ho. Megyinaa nsεmmisa ne ɔhwε so na mede nyaa dwumadie yi mu nsεm. Adwenemusεm a megyinaa so de yεε dwumadie yi mu mpεnsεmpεnsεmu yε Ferdinand Saussure ne Charles Saunder Pierce nsεnkyerεne adwenemusεm. Saa adwenemusεm yi boa dɔ Akanfoɔ afadeε ne ahyεnsodeε mu sukɔ yie sεdeε wɔn amammerε teε. Ꜫtwe adwene si sεnti a Akanfoɔ fa wɔn ho ɔkwan soronko bi so wɔ ayie berε mu. Nhwεsoɔ, ɔkani de “nyanya” gu ne kɔn mu wɔ ayie ase a, adwenemusεm yi ntotoho bεboa ama yεahunu sε εyε nyanya wɔ anisoɔ na mmom adwene a εtae akyire ne amammerε mu suahunu ne dwuma a εdie nso bεda adi. Bio, obi fura kuntunkuni anaa kobene wɔ ayie ase a yεhunu sε ntoma anisoɔ deε nanso εwɔ ahintasεm pɔtee a εreda no adi sεdeε Akanfoɔ amammerε teε. Nhwehwεmu yi da adi sε ayie afadeε gu nsεmpɔtitire ahoroɔ sεdeε wɔn nkyerεkyerεmu teε. Yεwɔ afadeε akyerε awerεhoɔ ne anibere, afadeε a εkyerε ɔdɔ a Akanfoɔ wɔ ma deε wawuo no, afadeε a εkasa fa owuo tumi ho, deε εkyerε Akanfoɔ gyidie wɔ Onyankopɔn mu ne afadeε a wɔde bɔ akutia wɔ ayie ase. Nhwehwεmu yi kɔɔ so wɔ Asante mantam nkuro a wɔfrε no Ahwiaa, Fawoade, Bampenase ne Mamponteng a ne nyinaa wɔ Kwabere Apueyε Mansini mu. en_US
dc.language.iso en en_US
dc.publisher University of Education Winneba en_US
dc.subject Akanfo en_US
dc.subject ayie en_US
dc.subject Afadee en_US
dc.title Akanfoɔ ayie afadeɛ ne ahyɛnsodeɛ ahoroɔ mu mpɛnsɛmpɛnsɛmu en_US
dc.type Thesis en_US


Files in this item

This item appears in the following Collection(s)

Show simple item record

Search UEWScholar


Browse

My Account