UEWScholar Repository

Mpɛnsɛmpɛnsɛmu a ɛfa mmaa tumi ho wɔ Owusu (19731992) nwoma ‘Ɔkrabiri’ ne Owusu ‘wo Gyegyiregye!’ mu

Show simple item record

dc.contributor.author Gyimah, E.D.
dc.date.accessioned 2024-03-26T10:47:30Z
dc.date.available 2024-03-26T10:47:30Z
dc.date.issued 2021
dc.identifier.uri http://41.74.91.244:8080/handle/123456789/2785
dc.description Mpɛnsɛmpɛnsɛmu dwumadie a ɛfiri Suapɔn yi ne fa a ɛhwɛ Akan–Nzema kasa ho adesua so de kɔma “School of Graduate Studies” Yei ne ahiadeɛ baako a ɛbɛma Suapɔn no ama me Master of Philosophy (Ghanaian Languages Studies-Twi) a ɛw] University of Education, Winneba. en_US
dc.description.abstract Dwumadie yi botaeɛ ne sɛ ɛbɛpɛnsɛmpɛnsɛm mmaa mmoa a wɔde ma adasa., sɛdeɛ ɛnam mmaa so ma adasa bɔ fam anaa kɔ ɔhaw mu, gyidie a Akanfoɔ wɔ fa mmaa ho wɔ sunsunsɛm ho ne Akanfoɔ amammerɛ, amanneɛ ne gyidie a ɛfa mmaa ho wɔ ɔtwerɛfoɔ Owusu (1973) ne (1992) nwoma ‘Ɔkrabiri’ ne ‘Wo Gyegyiregye!’ mu. Ɛba no nwoma mu mpɛnsɛmpɛnsɛmu mu a, ɛnyɛ nhwehwɛmuni no ara na ɔbɔ ne tiri mu pɛ ne nsɛmmoano. Saa nti, nhwehwɛmuni no yiyii ne nsɛmmoano no firii nwoma no mu berɛ a ɔrekenkan nwoma no. Berɛ a ɔreboaboa ano no, na ɔrehyehyɛ no etire asɛm tire asɛm. Mmom ɔgyinaa ne botaeɛ a ɔde reyɛ nhwehwɛmu no so na ɛhyehyɛeɛ. Nsɛmmoano no nyinaa ɔtwerɛ guu nwoma foforɔ mu ansa na akyire ɔhwɛ so de dii dwuma no. Ɔgyinaa “Gender stereotype” ne “Liberal feminism” adwenmusɛm so na ɔyɛɛ mpɛnsɛmpɛnsɛmu no. Nhwehwɛmu no daa sɛdeɛ mmaa boa wɔn yɔnko mmaa wɔ afotuo kwan so sikama mu, mmɔfra, kuro ne mmarima. Sɛdeɛ ɛnam ɔbaa so ma ɔbarima kɔ afiase, hyia animguaseɛ ne Akanfoɔ amammerɛ ne amanneɛ bi te sɛ bragorɔ, kyiribra, awareɛ, kunayɛ ɛnna gyidie ahodoɔ bi. Ɔtwerɛfoɔ no de bɔbea mu sukorɔ femfamm mmaa ho dodo. Mmom, ɛduruu amanneɛ no so no, ɔdii ‘liberal feminism’ nhyehyɛeɛ no so na wɔkyerɛ mu sɛ dwumadie pɔtee biara nni hɔ ma ɔbaa anaasɛ ɔbarima na deɛ ɔbarima bɛtumi ayɛ no, ɔbaa nso bɛtumi ayɛ saa ara, nso kunayɛ mu deɛ wamfa anyɛ adwuma. Nhwehwɛmu yi bɛboa akyerɛkyerɛfoɔ, akenkanfoɔ, nhwehwɛmufoɔ ne asuafoɔ wɔ dwumadie biara a wɔbɛpɛ sɛ wɔdi wɔ nwoma yi mmienu mu. en_US
dc.language.iso en en_US
dc.publisher University of Education Winneba en_US
dc.subject Mpensenmpensenmu en_US
dc.title Mpɛnsɛmpɛnsɛmu a ɛfa mmaa tumi ho wɔ Owusu (19731992) nwoma ‘Ɔkrabiri’ ne Owusu ‘wo Gyegyiregye!’ mu en_US
dc.type Thesis en_US


Files in this item

This item appears in the following Collection(s)

Show simple item record

Search UEWScholar


Browse

My Account