UEWScholar Repository

Amakye Dede Akan haelaefo nnwom no bi mu mpɛnsɛmpɛnsɛmu

Show simple item record

dc.contributor.author Arhur, J.A.
dc.date.accessioned 2024-03-20T11:26:06Z
dc.date.available 2024-03-20T11:26:06Z
dc.date.issued 2021
dc.identifier.uri http://41.74.91.244:8080/handle/123456789/2562
dc.description Mpɛnsɛmpɛnsɛmu dwumadie a ɛfiri Suapɔn yi ne fa a ɛhwɛ Akan–Nzema kasa ho adesua so de kɔma “School of Graduate Studies” Yei ne ahiadeɛ baako a ɛbɛma Suapɔn no ama me Master of Philosophy (Ghanaian Languages Studies) wɔ University of Education, Winneba. en_US
dc.description.abstract Dwumadie yi yɛ nhwehwɛmu a ɛfa Amakye Dede haelaefo nnwom ahodoɔ bi ho. Nhwehwɛmu yi botaeɛ ne sɛ ɛdaa nsɛmpɔ titire ne kasasuo ahodoɔ ne suahunu a ɛda adi wɔ nnwom no mu. Dwumadie yi kɔɔ so wɔ Obuase Mansini mu a ɛwɔ Asante mantam mu. Menam nkɔmmɔtwetwe so ne nnipa (50) dii nkitaho, a ɛmu aduanan (40) yɛ mmarima na du (10) yɛ mmaa a wɔn mfeɛ firi aduonunum (25) kɔsi aduɔson (70). Saa nnipa yi yɛ adwadifoɔ (10), kasɛtetɔnfoɔ (10), akyerɛkyerɛfoɔ (5), raduo adwumayɛfoɔ (5) na laefoban adwumayɛfoɔ (20). Menyaa nsɛm no bi nso wɔ nnwoma ahodoɔ mu. Nhwehwɛmu yi mu no, nsɛmpɔ titire a ɛdaa adi no bi ne sɛ ɔdɔ ma anigyeɛ, ɔdɔ ma abotɔyam, ɔdɔ som bo, ɔdɔ hyɛ nkuran, onipa biara hia ɔdɔ ne deɛ ɛkeka ho. Kasasuo ahodoɔ bi te sɛ anihanehane, kasakoa, nyinahɔmma, nteamudeɛ, mfoninyɛ, ɛbɛ, abirabɔ, sɛ-nipa, ampɛ mmuaeɛ asɛmmisa ne deɛ ɛkeka ho na ɛdaa adi. Afei, menyaa suahunu bi te sɛ aboterɛ, Akanfoɔ gyidie ne nea ɛkeka ho. Dwumadie no da no adi ma yɛhunu sɛ tete haelaefo mu nsɛm no tumi tu fo kyerɛ yɛn sɛdeɛ ɔdɔ ne suban bi da adi wɔ nnipa asetena mu. Megyinaa Hymes (1974) kasapa nnyinasoɔ adwenemsɛm (Tiɔri) so de kyerɛɛ sɛdeɛ kasapa tumi boa ma dwontofoɔ bi tumi di ne dwuma a ɛmfa ɔhaw biara mma. Yei nam so ma yɛhunu sɛ dwontoɔ mu no, ɛhia sɛ adwontofoɔ hwɛ sibeaberɛ, nnipa a wɔatwa ahyia, amammerɛ ne amanneɛ a ɛda adi na aboa wɔn ma wɔatumi afa nsɛmfua a ɛbɛboa ama wɔn dwumadie no ho ate en_US
dc.language.iso en en_US
dc.publisher University of Education Winneba en_US
dc.subject Amakye Dede en_US
dc.title Amakye Dede Akan haelaefo nnwom no bi mu mpɛnsɛmpɛnsɛmu en_US
dc.type Thesis en_US


Files in this item

This item appears in the following Collection(s)

Show simple item record

Search UEWScholar


Browse

My Account